У нас вы можете посмотреть бесплатно MARK ANIM-YIRENKYI - OBIBINI [OFFICIAL AUDIOTRACK] или скачать в максимальном доступном качестве, видео которое было загружено на ютуб. Для загрузки выберите вариант из формы ниже:
Если кнопки скачивания не
загрузились
НАЖМИТЕ ЗДЕСЬ или обновите страницу
Если возникают проблемы со скачиванием видео, пожалуйста напишите в поддержку по адресу внизу
страницы.
Спасибо за использование сервиса ClipSaver.ru
When a white looks at a black man and hates him because of his skin color, we identify it as racism. However, how do we characterize it when a black man looks into the mirror and hates himself because of their own skin color? Obibini Lyrics: Sɛ obroni hwɛ bibini na ne tuntum nti ɔkyiri no tan no a, yɛ frɛ no Racism na sɛ obibini anakasa hwɛ ahwehwɛ mu na ɔno kyire ne ho tan ne ho a yɛ bɛ frɛ no sɛn ɛneɛ asɛm sɛ bɛ Sɛ mebuu mebɔfo nyansani a, anka ɛnyɛ deɛ me ti ne ooo bibini, mampɛ deɛ mewɔ mampɛ deɛ mewɔ nea mepɛ no nso adane me akoa Sɛ mebuu mebɔfo nyansani a, anka ɛnyɛ deɛ m’awie ni oo bibini mampɛ deɛ mewɛ mampɛ deɛ mewɔ nea mepɛ no nso adane me akoa. Na sɛ nka asamando yɛ ɔman a anka mɛtu kwan akɔhɔ akɔhu me nana eee Abena Ofeibea se Abena W’asɛm a wokaa yɛ na ɛda hɔ no Wo se wiase w’ani ansɔ nea wowɔ W’amfa aseda amma Ɔkyɛadeɛ a, mmm dakoro dakoro bi wapɛdeɛ bɛdane wo akoa eee Abena ei, Abena wasɛm yi na ɛda hɔ yi Chorus Monma mensu me ho ɛɛ (ao bibini) Mmm mmm mmm Monma mensu me ho ɛɛɛɛ Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni (asem na ato me obibini nti ɛwɔ me su me ho o sɛ) Monma mensu me ho ɛɛ (monma me su me ho obibini) Mmm mmm mmm Monma mensu me ho ɛɛɛɛ (Kwaiɛ abu me so nso manserɛ aduane a, mennidi) Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni (mmm Awerɛhowsɛm paa ni o) Verse1 Bɔrebɔre firi ne nyansa mu bɔ me bibini Ɛno nti ɔma medaa nso koraa ɛwɔ mafoɔ nyinaa mu. Ɔmaa me tirinwi sonowonko, Ɔmaa me honam sonowonko, Ɔmaa me aduane sonowonko sɛ menni na menya ahoɔden nso mampɛ deɛ mewɔ mampɛ deɛ mewɔooo na mepɛ no nso adane me akoa. Asase bereɛ so na meteɛ Ɔdiamono n’anka medi atomprada, ɛnɛ deɛ mesrɛsrɛ na m'adi a eee ɛba no sɛn ni. Mapene so ama y’asesa me din, yasesa m'adidie asan asesa me Nyame eee Ɛdɛn na aka yɛntumi nsesa no nanso Daniel , Shadrach, Meshack ne Abednago wɔsesa wɔn din wɔ Babylon nanso wampeneso amma wansesa wɔn adidie nti w’antumi ansesa wɔn Nyame no yɛdeɛ yapene so ama w’asesa yɛn biribiaa Ɛnɛ konko mu nnuane na afei yɛdie Fufuo si hɔ oooo na yɛdi biribi biribiibi Akple si hɔ na yɛdi biribi biribiibi (Tuozafe Akyɛkɛ ɔfam) Kube wɔ hɔ oo na yɛnom biribi biribiibi Ɛnti yadeɛ a ɛnni aduro n'afei ɛbɔ yɛn Ah ƆTWEDUAMPƆN KWAME na anka yɛsom noɔ mmm Ahyɛase YAH na anka yɛsom noɔ Akwasi boroni asesa yɛn nyame Yes he came here with the Sun god and said this is the son of GOD Yampɛ deɛ yɛwɔ yampɛ deɛ yɛwɔ ooo Nea Yɛpɛ no nso adane yɛn nkoa eee Abena ei, Abena wasɛm yi na ɛda hɔ yi Chorus Momma mensu me ho ɛɛ (Momma mensu me ho bibini) Mmmm mmm mmm Momma mensu me ho ɛɛ (Mete sika so nso mebɔ ohia dondo) Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni (Awerɛhowsɛm paa ni o) Verse 2 Masesa metirinnwii akɔhunu amane oo tirinnwii papa bi a Nyame de adom me Nanso mese mempɛ ooo mepɛ oo sɛ metirinnwii yɛ tesɛ boronii ɛnti wayɛ aduro abrɛ me Nanso anni naanu anni nansa mpo ɛmmaa yi tirinnwii na akuku agu yi nanso sɔhwɛ antu wɔn fo ara da Ɛnti anka hwɛ yɛn yɛ tirinnwii fu a yɛtwitwa kɔto guo no ɛnɛ obi twitwa ne tirinnwii na w’akyekyere wasan abɛtɔn ama bibini wei nnyɛ nkoasom na ɛyɛ deɛbɛn Y’ampɛ deɛ yɛwɔ y’ampɛ deɛ yɛwɔ oo nea yɛpɛ no nso adane yɛn nkoa Masesa mewedeɛ akɔhunu amane oo wedeɛ papa bi a nyame de adom meɛ Nanso mese mempɛ ooo mepɛ sɛ mewedeɛ yɛ tesɛ boroni ɛnti wayɛ aduro abrɛ me Ma ɛnnɛ medwene nku ansa madwene aduane mpo oo Adeɛ yi megyae metomu a me nipadua yi hye oo Oh nkoasom ni Mampɛ deɛ mewɔ mampɛ deɛ mewɔ nea mepɛ no adane me akoa Ɛnti Abena Ofeibea wasɛm a woka yɛ n'ɛdahɔ no Chorus Momma mensu me ho ɛɛɛɛ (ao Abena) Mmm mmmm mmm Momma mensu me ho ɛɛɛɛ (Asuoyaa pantoase afutu a wotuu me no ɛdaso wo metirimu ɛdaso wo metirimu o Nana) Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni (Akropong kwakwaduam ni ba wasɛm a wokaa yɛ na ɛda hɔ no) Momma mensu me ho ɛɛ (Bibni bibini) Mmmm mmm mmm Momma mensu me ho ɛɛ Gyataburuwa paa didi sumina so sɛn ni -- Subscribe to all my channels - https://linktr.ee/iammarkanimyirenkyi... Follow Mark Anim-Yirenkyi on... Instagram: https://instagram.com/iammarkanimyire... TikTok: / iammarkanimyirenkyi Facebook: https://www.facebook.com/markanimyire... Twitter: https://x.com/iammarkanim?s=11